Mmarahyɛbadwam Kasamafo no redane abatoɔ nhyehyɛeɛ a wɔde retia Ken Ofori-Atta ama wɔatu no adeɛ so no ama Adhoc Agyinatufoɔ no ama wɔahwehwɛ mu bio

Ɛnkyɛree biara na yɛtee sɛ ɛsiane sikasɛm a ayɛ basaa wɔ ɔman yi mu no nti Dɔmkuo Ketewa no de abatoɔ ho nsɛnsɛm bi a wɔde retia Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm soɔ akɔto mmara anim. Wɔtenaa asɛm no so no, deɛ ɛkɔpuee mu nie

Alban Bagbin a ɔyɛ Mmarahyɛbadwam Kasamafo no kyerɛ sɛ ɔbɛdane saa asɛm yi a Dɔmkuo Ketewa no apia de aba a wɔnam so rehwehwehwɛ sɛ wɔbɛyi Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm soɔ, Ken Ofori-Atta afiri ne dibea so no ama Adhoc agyinatufoɔ no ama wɔasane ahwɛ bio.

Ↄde kaa ho sɛ, wɔde adanseɛ a ɛwɔ Dɔmkuo Ketewa no nsam no bɛto dwa wɔ agyinatufoɔ no anim ama wɔapɛnsɛmpɛnsɛm mu.

Owura Bagbin kyerɛ sɛ wɔbɛma ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm so no akwanya kɛseɛ ama no de atete ne ho.

Ↄkaa sɛ, saa Ↄsoafoɔ yi a yɛrebɔ n’apaawa yi wɔ ho kwan sɛ ɔde ne mmaranimfoɔ a wɔka bi ma no di n’akyi ba agyinatufoɔ no anim.

ↄkasamafo no daa no adi sɛ, sɛ wɔwie saa akwankyerɛ yi a, wɔde ɛho asɛm bɛba abɛto wɔn nyinaa anim ama wɔasi gyinaeɛ.

Adhoc agyinatufoɔ nnipa nnwɔtwe no mu no, wɔn a wɔbɛtena tire ne Adanse Asokwa Mmarahyɛ badwadi, K.T. Hammond ne Bolgatanga Apueɛ Fam Mmarahyɛbadwani, Dominic Ayine.

Afoforɔ a wɔfiri Dɔmkuo Ketewa no afa ne; Tongu Atifi Fam Mmarahyɛbadwani, Samuel Okudzeto Ablakwa, Klottey-Korle Mmarahyɛbadwani, Dr. Zenator Agyeman-Rawlings ne Akatsi Anaafoɔ fam Mmarahyɛbadwani, Bernard Ahiafor.

Wɔn a wɔaka a wɔfiri Dɔmkuo Kɛseɛ no afa no ne Okaikoi Mfimfini Fam Mmarahyɛbadwani, Yaw Boamah, Asante Akye Mfimfini Fam Mmarahyɛbadwani, Emmanuel Anyimadu-Antwi ne Sekondi Mmarahyɛbadwani, Andrew Egyapa Mercer.

Ahinime da 25 wɔ afe 2022 mu na Dɔmkuo Kumaa a wɔwɔ Mmarahyɛbadwam no de asɛm yi a wɔde retia Ken Ofori-Atta no kɔtoo mmara anim.

Berɛ a na Dɔmkuo Kɛseɛ a na wɔn dodoɔ yɛ bɛyɛ 80 no reyɛ wɔn nhyiamu a na wɔde repere sɛ wɔbɛtu Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm so ne ne futufoɔ Charles Adu Boahen ɛsiane sɛ wɔantumi anhwɛ ɔman no sikasɛm no so yie no ara mu na saa asɛm yi nso siiɛ.

Wei nyinaa mu no nso, NPP Mmarahyɛbadwafoɔ no mfoa NDC Mmarahyɛbadwafoɔ no abisadeɛ no so. Wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ mu sɔ wɔpɛ sɛ Ↄsoafoɔ no firi so deɛ, nanso wɔn ara bɛyɛ wɔn adeɛ wɔ wɔn ara kwan so.

Wɔsiii no pi sɛ, Dɔmkuo Ketewa no wɔ deɛ nti a wɔreyɛ saa adeɛ no, ɛnna ɛfa wɔn anigyeɛ ho nso, ne saa nti wɔmfoa NDC Mmarahyɛbadwafoɔ no nsɛnsɛm a wɔde retia Ↄsoafoɔ no no so


Comments

Popular posts from this blog